Publicidade

Mateus 9

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1 Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu. 2 Ɔduruu no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no , "Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo."

3 Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ no bi teaam , "Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ ɔyɛ Onyankopɔn!"

4 Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn , "Adɛn enti na modwene bɔne ho saa? 5 Me Onipa Ba no, mewɔ tumi asase yi so metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, obi bɛka , Mede wo bɔne akyɛ woanaasɛ ɔbɛka , Sɔre na nante?’ " 6 Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no , "Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na efie ɛfiri , masa wo yadeɛ." 7 Amonom ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie! 8 Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Yesu Frɛ Mateo

9 Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no , "Bɛdi mʼakyi." Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.

10 Ɛbaa Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ. 11 Farisifoɔ no hunuu ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn . Wɔbisaa nʼasuafoɔ no , "Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?"

12 Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn , "Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn." 13 Ɔsane kaa bio , "Monkɔhwehwɛ yei ase Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ , Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn."

Mmuadadie Ho Asɛmmisa

14 Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?"

15 Yesu buaa wɔn , "Mogye di , ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te a, ɛsɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

16 "Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda . 17 Hwan na ɔde nsã foforɔ bɛgu aboa nwoma nsã nkotokuo dada mu? ɔyɛ saa a, nsã no bɛpae nkotokuo no ama nsã no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ wɔde nsã foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsã no mu biara ansɛe."

Ɔbaa Bi Ayaresa Ne Ababaawa Bi Wunyane

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim , "Me babaa awu seesei ara. Menim , woba de wo nsa bɛka no a, ɔbɛnyane." 19 Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim wɔrekɔ ɔpanin no fie.

20 Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 21 Ɔkaa ne tirim , "mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den."

22 Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no , "Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo." Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.

23 Yesu duruu ɔpanin no fie a ɔhunuu nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkaa , "Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!" Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no. 25 Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko , ababaawa no nyaneeɛ. 26 Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ mpɔtam nyinaa.

Anifirafoɔ Baanu Bi Ayaresa

27 Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam , "Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"

28 Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn , "Mogye di mɛtumi ama moahunu adeɛ?"

Wɔbuaa no , "Aane, Awurade, yɛgye di!"

29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa , "Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!" 30 Amonom ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano , "Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara." 31 Nanso, nnipa no firi , wɔbɔɔ asɛm no dawuro.

Mumu Bɔdamfoɔ Bi Ayaresa

32 Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne ne so brɛɛ no. 33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko , mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa , "Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da Israelman mu ha!"

34 Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa , "Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no."

Ayamhyehyeɛ

35 Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree. 36 Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri , ɔhunuu ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. 37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. 38 Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-