Ɔbaa Bi Ayaresa Ne Ababaawa Bi Wunyane
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, "Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane." 19 Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie.
20 Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 21 Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, "Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den."
22 Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo." Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.
23 Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkaa sɛ, "Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!" Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no. 25 Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ. 26 Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.