Publicidade

Provérbios 22

1 Edin pa sene ahonya bebrebe;

wɔbɛdi wo ni sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

2 Ɔdefoɔ ne ohiani adeɛ baako,

Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.

3 Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho,

nanso atetekwaa nʼanim kɔnya amane.

4 Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro

ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

5 Nkasɛɛ ne mfidie amumuyɛfoɔ akwan so,

nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

6 Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,

na ɔnyini a ɔremfiri so.

7 Adefoɔ di ahiafoɔ so,

na boseagyeni deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

8 Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw

na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.

9 Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira

ɛfiri ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.

10 Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ;

ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.

11 Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho nyam

bɛnya ɔhene afa no adamfo.

12 Awurade ani wɛn nimdeɛ,

na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.

13 Ɔkwadwofoɔ ka , "Gyata bi mfikyire !"

anaasɛ, "Wɔbɛkum me mmɔntene so."

14 Ɔbaa waresɛefoɔ anomu amena donkudonku;

deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

15 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,

nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.

16 Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya

anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no ohia mu.

Anyansasɛm

17 aso na tie anyansasɛm yi;

fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

18 ɛfiri ɛyɛ wokora saa nsɛm yi wʼakoma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

19 Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

20 Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,

deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

21 a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,

sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

22 Mmɔ ahiafoɔ korɔno, wɔyɛ ahiafoɔ enti,

na nnsisi wɔn a wɔnni bie asɛnniiɛ,

23 ɛfiri Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

24 Mfa obi a ne bo ha no adamfo,

na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

25 anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan

na woakɔtɔ afidie mu.

26 Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,

anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

27 na wonni deɛ wɔde tua a

wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

28 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ;

deɛ wo nananom de sisii no.

29 Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom mpapahwekwaa anim.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-