Publicidade

Provérbios 26

1 Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te otwa berɛ no

saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.

2 Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3 Ɔkafoɔ abaa ma ɔpɔnkɔ, nnareka ma afunumu,

na abaa ma nkwaseafoɔ akyi.

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ ɔno.

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no ɔnim nyansa.

6 wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.

7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn no,

abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8 Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so,

te animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9 Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no

te abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te agyantoni a ɔpira nnipa kwa.

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane ne feɛ ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ nʼankasa ani so?

Anidasoɔ pii ɔkwasea mu sene no.

13 Ɔkwadwofoɔ ka , "Gyata ɛkwan no mu,

gyata nenam mmɔntene no so!"

14 Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba ne mponterɛ so no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho ne mpa so.

15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu,

na ɛyɛ no aniha ɔbɛyi akɔ nʼano.

16 Ɔkwadwofoɔ onyansafoɔ ɔno ankasa ani so

sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.

17 Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no

te obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.

18 Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo

anaa agyan kɔdiawuo no

19 te obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka , "Na mede redi agorɔ!"

20 Yensin hi a, ogya dum;

nsekuro nni a ntɔkwa toɔ twa.

21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,

saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.

22 Osekuni anom asɛm te mfremfremadeɛ;

ɛwurawura onipa akwaa mu nyinaa.

23 Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no

saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.

24 Onipa bɔne kasa te deɛ ɔyɛ,

nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.

25 Ɛwom ne kasa deɛ, nanso ɛnnye no nni,

ɛfiri akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.

26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi badwa mu.

27 onipa tu amena a, ɔbɛto mu;

onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.

28 Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi,

na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-