Publicidade

Provérbios 9

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1 Nyansa asi ne fie;

watwa nʼafadum nson ho.

2 Wasiesie nʼaduane afra ne nsã

wato ne ɛpono.

3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea ,

4 "Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!"

Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo ,

5 "Mommra mmɛdi mʼaduane

na monnom nsã a mafra no.

6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;

monnante nteaseɛ akwan so."

7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;

na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;

ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

9 Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10 Awurade suro nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nteaseɛ.

11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

12 woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;

woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

13 Ɔbaa ɔkwasea ɔkasafoɔ;

ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

14 Ɔte ne fie ɛpono ano,

na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee ,

16 "Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha"

ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo ,

17 "Nsuo a wɔwia no fremfrem

na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no !"

18 Nanso wɔnnim koraa awufoɔ

nʼahɔhoɔ ɛda no ase tɔnn.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-