Publicidade

Salmos 111

1 Monkamfo Awurade!

Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so

ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.

2 Awurade nnwuma kɛseɛ;

wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.

3 Ne nnwuma tumi ne animuonyam,

na ne tenenee daa.

4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ;

Awurade ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;

ɔkae nʼapam no daa.

6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,

ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.

7 Ne nsa ano nnwuma nokorɛ na ɛtene;

nʼahyɛdeɛ nyinaa mu ahotosoɔ.

8 Ɛtim daa daa,

nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.

9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;

ɔde nʼapam sii afebɔɔ,

ne din kronkron na ɛyɛ hu.

10 Awurade suro nyansa mfitiaseɛ;

wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa nhunumu pa.

Ɔno na daa ayɛyie no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-