Pular para o conteúdo
Publicidade

Eclesiastes 12

1 Kae wo Bɔfoɔ

wo mmeranteberɛ mu,

ansa na nnabɔne no aba

na mfeɛ a wobɛka ,

"Menni mu anigyeɛ biara" no reba,

2 ansa na owia ne hann,

ɔsrane ne nsoromma aduru sum,

na omununkum asane aba osutɔ akyi.

3 Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,

na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,

ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, wɔsua enti

na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;

4 ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu

na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;

ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,

nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;

5 ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro

ne mmɔntene so amanenyasɛm;

ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne

na abɛbɛ wea korɔ

na nkatedeɛ ho adwodwoɔ.

Afei onipa ne daa homeɛ mu

na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.

6 Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,

anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;

ansa na sukuruwa no abobɔ asutene ho,

anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,

7 na dɔteɛ sane asase a ɛfiri mu baeɛ,

na honhom no tu Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

8 "Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ" ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.

"Biribiara ahuhudeɛ!"

Asɛm No Awieeɛ

9 Ɔsɛnkafoɔ no onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no na ɛyɛ nokorɛ nso.

11 Anyansafoɔ nsɛm te anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima.

Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam mmerɛ.

13 Afei ne nyinaa atɔ asom;

nsɛm no awieeɛ nie:

Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,

na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.

14 Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,

deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,

ɛyɛ papa anaa bɔne.

Veja também