Publicidade

Romanos 13

Momfa Nidie Mma Tumi

1 Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri , tumi biara nni a ɛmfiri Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no firi Onyankopɔn. 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi ne nsam anaa? Ɛnneɛ, deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. 4 Ɛfiri , ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri , ne tumi a ɔde twe aso no da fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5 Esiane saa enti, ɛsɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim ɛsɛ woyɛ no enti.

6 Yei enti na ɛsɛ wotua toɔ, ɛfiri , atumfoɔ no wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7 Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.

Asɛdeɛ

8 Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ wode ara ne wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. 9 Mmaransɛm a ɛka , "Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ," yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne , "wo yɔnko wo ho." 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ woadi mmara no nyinaa so.

11 Ɛsɛ woyɛ yei, ɛfiri , wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri , ɛberɛ a ɛsɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no. 12 Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no , na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no. 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu. 14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te ntoma a mofira, na morempɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam .

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-