Publicidade

Romanos 3

1 Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ bi? 2 Aane mfasoɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3 Na ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? 4 Ɛnte saa koraa! obiara ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ ,

"Wodi bem wo kasa mu

na wotene wʼatemmuo mu."

5 Na obi bɛka , "yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?" (Merekasa onipa) 6 Dabi! Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? 7 Obi bɛgye akyinnyeɛ aka , "me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me ɔdebɔneyɛfoɔ?" 8 Ebinom nso bɛka , "Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!" Nnipa bi mpo ka saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.

Obiara Ntene

9 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa bɔne tumi ase. 10 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka ,

"Obiara nyɛ ɔteneneeni;

11 obiara nyɛ ɔbadwemma;

na obiara nni a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.

12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni ."

13 "Wɔn anom te damena a abue;

na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm."

"Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte ɔwɔ ano borɔ."

14 "Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba."

15 "Wɔnkyɛre opira ne awudie ho;

16 baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe pasaa,

17 na wɔnnim asomdwoeɛ kwan."

18 "Na wɔnnsuro Onyankopɔn."

19 Yɛnim biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ ewiase nyinaa di . 20 Ɛfiri , obiara nni a ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no ara ne , ɛma onipa hunu wayɛ bɔne.

21 Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. 22 Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu. 23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, 24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. 25 Onyankopɔn somaa Kristo ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu , mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. 26 Ɛfiri na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn wɔtene nʼani so.

27 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ Yesu mu. 28 Ne tiawatwa ne , wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti. 29 Onyankopɔn Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn. 30 Onyankopɔn baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem. 31 Enti, yei kyerɛ , ɛsɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-