Publicidade

Romanos 7

Wɔde Awadeɛ Mfatoho

1 Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so. 2 Ɔbaa warefoɔ sei, ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3 Ɛno enti, ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.

4 Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn. 5 Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo. 6 Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri , yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.

Yɛne Bɔne Di Apereapereɛ

7 Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. ɛnyɛ mmara no na ɛkaa , "Mma wʼani mmere obi adeɛ" a, anka mennim anibereɛ. 8 Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. mmara no nni a, bɔne nso nni tumi. 9 Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. 10 Mehunuu , mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me. 12 Nanso mmara no kronkron; na mmaransɛm no nso kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso.

13 Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu bɔne adeɛ a ɛyɛ hu.

14 Yɛnim mmara no honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me akoa ama bɔne. 15 Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri , menyɛ deɛ ɛsɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi. 16 meyɛ deɛ mempɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ , mepene so mmara no . 17 Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Menim ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri , mepɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ. 19 Papa mepɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ meyɛ no na meyɛ. 20 meyɛ deɛ mempɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21 Mmara no ama mahunu biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim ɛyɛ. 22 Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me biribiara. 24 Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.

Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-