Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafoɔ 8

35 Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? 36 Dabi! Wɔatwerɛ ,

"Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn nnwan a wɔrekɔkum wɔn."

37 Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Megye medi ampa owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também