Pular para o conteúdo
Publicidade

Rute 1

Elimelek Tutu Kɔtena Moab

1 Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab. 2 Na ɔbarima no din de Elimelek1.2 Wɔnyaa edin Efrati firii abusua a Elimelek firi mu no. Ɛno enti, Elimelek de nʼabusua din no too ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrati no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2). ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa . 3 Ɛbaa Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. 4 Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa bɛyɛ mfeɛ edu no, 5 Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu.

6 Ɛberɛ a ɔtee Moab Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom. 7 Ɔne ne nsenom baanu yi tutu firii beaeɛ faa ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ akɔsi Yuda so.

8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi , "Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no. 9 Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome okunu foforɔ fie." Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ.

10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi , "Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn."

11 Nanso, Naomi kaa , "Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ mo ne me ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa? 12 Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, medwene anidasoɔ bi ma me nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, 13 mobɛtwɛn kɔsi wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no den ma me sen mo, ɛfiri , Awurade ayi ne nsa afiri me so!"

14 Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi ɔne no bɛtena.

15 Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no , "Hwɛ, wo kora asane ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ wo nso woyɛ saa ara."

16 Na Rut buaa , "Nhyɛ me memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn. 17 Baabi a wobɛwuo no, mɛwu bi na wɔasie me . mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a, Awurade ntwe mʼaso." 18 Enti, Naomi hunuu Rut ayɛ nʼadwene ɔne no bɛkɔ no, ɔgyaa ne maa no.

19 Ɛno enti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantuo no so. Ɛberɛ a wɔduruu Betlehem no, wɔn enti kuro mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmaa no bisaa , "Naomi nie anaa?"

20 Ɔkaa , "Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, ɛfiri , Awurade ama asetena ayɛ nwono ama me. 21 Merefiri ha akɔ no na mewɔ biribiara nanso, Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn enti na mofrɛ me Naomi ɛberɛ a Awurade ama me ahunu amane na Otumfoɔ de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?"

22 Enti, Naomi firi Moab baeɛ a, nʼase Rut, Moabni babunu ka ne ho. Wɔduruu Betlehem atokotwa berɛ ahyɛaseɛ no mu.

Veja também

Rute
Ver todos os capítulos de Rute