Aceitar Jesus
Aceitar Jesus é a decisão mais importante da vida. Quem o recebe como Senhor e Salvador recebe vida eterna, perdão completo e a presença permanente do Espírito Santo.
Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.
Yesu buaa sɛ, "Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so."
Sɛ wopae mu ka sɛ, "Yesu ne Awurade", na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.
Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.
Na obiara a ɔbɛbɔ
Awurade din no bɛnya nkwa.’
Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ."
Wɔbuaa sɛ, "Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa."
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho.
Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.