Publicidade

Agradecimento a Deus

Por Bíblia Online

Agradecer a Deus é louvor, adoração e reconhecimento da sua soberania. Dai graças ao Senhor porque Ele é bom — a sua misericórdia dura para sempre!

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu

na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

Monkamfo Awurade!

Monna Awurade ase na ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ daa.

Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase;

wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.

Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ

na mede aseda ahyɛ no animuonyam.

Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;

mʼakoma ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.

Mʼakoma di ahurisie

na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase,

na yɛkamfo wo din kronkron no.

Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim.

Paulo Mpaeɛbɔ

Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.

Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Aseda

Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo yɛn mpaeɛbɔ mu nso. Ɛfiri , yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo a ɛma motumi de nsi adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.

Aseda

Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.

Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

Yɛda Onyankopɔn ase daa ɔto yɛn santene anigyeɛ ne nkonimdie Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ baabiara aduhwam.

Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree. Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.

Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no akoma mu, na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara biribiara ho yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum;

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-