Publicidade

Ajuda

Por Bíblia Online

Deus é nosso auxílio e socorro em todo tempo. Ele não dorme nem cochila. O Senhor é nosso ajudador — não precisamos temer o que o homem possa nos fazer.

Me mmoa firi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ ɛberɛ biara.

Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;

Awurade ne me hwɛfoɔ.

Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu berɛ mu.

Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn;

ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa,

ɛfiri wɔhinta ne mu.

Bra ntɛm bɛboa me,

Awurade, mʼAgyenkwa.

Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun.

Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,

wo din no animuonyam nti;

gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn

wo din enti.

Ayɛyie nka Awurade,

ɛfiri watie me mmɔborɔ su.

Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;

mʼakoma ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.

Mʼakoma di ahurisie

na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

Awurade ammoa me a,

anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.

Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,

deɛ ɔkura wo nsa nifa mu

na ɔka kyerɛ wo , nsuro;

mɛboa wo.

Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm.

Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ.

"Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.

Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.

Saa ara na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri , yɛnnim ɛkwan a wɔfa so mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri , Honhom no nam Onyankopɔn so di ma Onyankopɔn mma nʼanim.

Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so

na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

hunu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛtene wʼakwan.

Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri , ɔdwene mo ho.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-