Publicidade

Salmos 54

Dawid "maskil" dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo , "Dawid abɛhinta yɛn mu."

1 Ao Onyankopɔn, gye me wo din mu;

fa wo tumi di mʼasɛm ma me.

2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;

tie mʼanom nsɛm.

3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.

Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;

nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;

Awurade ne me hwɛfoɔ.

5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;

wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.

6 Mɛfiri me mu abɔ afɔdeɛ ama wo;

Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ,

ɛfiri ɛyɛ.

7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu,

na mʼani ahunu nkonimdie mʼatamfoɔ so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-