Publicidade

Salmos 79

Asaf dwom.

1 Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so;

wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,

wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.

2 Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane

ama ewiem nnomaa,

na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.

3 Wɔahwie mogya agu te nsuo

Yerusalem ho nyinaa,

na obiara nni a ɔbɛsie awufoɔ no.

4 Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ,

fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.

5 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?

Wo ninkunu bɛdɛre ogya akɔsi da bɛn?

6 Hwie wʼabofuo gu amanaman

a wɔnni woɔ no so,

ahennie a

wɔmmɔ wo din no;

7 ɛfiri wɔakum Yakob

na wɔasɛe nʼatenaeɛ.

8 Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;

ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,

na yɛwɔ ahohiahia mu.

9 Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,

wo din no animuonyam nti;

gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn

wo din enti.

10 Adɛn enti na ɛsɛ amanaman ka ,

"Wɔn Onyankopɔn he?"

Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu amanaman mu

wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.

11 Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim;

fa wo basa ahoɔden no

kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.

12 Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no,

tua wɔn so ka mprɛnson.

13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no,

bɛyi wo ayɛ daa nyinaa;

ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ

yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ wɔnto no "Sonannim Edut" sankuo nne so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-