Pular para o conteúdo
Publicidade

Alimento

Por Bíblia Online

O alimento é provisão de Deus para o corpo e a alma. Jesus disse: Eu sou o pão da vida. A Bíblia ensina a receber com gratidão, partilhar com generosidade e confiar no Provedor.

O pão da vida

Jesus disse: Eu sou o pão da vida. Quem vem a mim nunca terá fome. O alimento espiritual sacia plenamente.

Yesu kae se, "Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.

Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me."

Yesu buaa no se, "Wɔakyerɛw se, Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ "

Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.

"Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.

Monyɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na monom a moanyin na wɔagye mo nkwa.

Provisão divina

Deus provê alimento em abundância. Ele multiplica pães e peixes, enche os famintos e supre toda necessidade.

Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu

na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.

Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan). Ɔsoro mfɛnsereƐkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). MehwienhyiraNhyira apam a mahyɛ ho no (5 Mose 28.12; Yes 44.3). no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo," sɛnea Asafo Awurade se ni.

Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree.

Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho;

na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

Abodwosɛm te ɛwokyɛm;

ɛyɛ ɔkra , na ɛsa nnompe yare.

Na Nehemia toaa so , "Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ da kronkron Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no ahoɔden."

Gratidão e moderação

Nada trouxemos para o mundo e nada levaremos. Tudo o que fizerdes, fazei para a glória de Deus — inclusive comer e beber.

Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno nti yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.

Biribiara a mobɛyɛ no, moredidi o, morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Daa na wɔbɔ mu hyia asɔredan mu de anigye ne koma pa mu didi wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam nnipa anim. Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.

Ɛnsɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no.

Enti mommma obiara nhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa nea monom, nna kronkron anaa ɔsram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa homenna ho mmma mo. Saa nneɛma no nyinaa daakye mu nsɛm sunsuma. Kristo ne hann no.

Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom.

Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we. Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo.

Afei Onyankopɔn kae se, "Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan.

Biribiara a nkwa mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.

"Nanso ɛnsɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam.

Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

Seja o primeiro