Pular para o conteúdo
Publicidade

Amor incondicional

Por Bíblia Online

O amor incondicional de Deus não depende de mérito humano. Ele nos amou quando ainda éramos pecadores. Esse amor não tem limites, não cobra preço e não pode ser perdido.

Amor sem condições

Deus prova o seu amor em que Cristo morreu por nós sendo nós ainda pecadores. O amor de Deus é gratuito e irrevogável.

Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

Na ɛbɛyɛ den obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem.

Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana?

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so. Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, bere a anka yɛawuwu amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.

Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne daa adi no, ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so,

Amor eterno

Com amor eterno te amei. O amor de Deus é mais largo, mais alto e mais profundo do que podemos compreender.

Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,

"Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔe atwe mo.

Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.

Nʼadɔe daa.

Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro

wo nokwaredi du wim tɔnn.

Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu,

wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.

Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne adi kyerɛ yɛn ne , ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.

Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.

Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.

Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

Amar como Deus ama

O amor é paciente e bondoso. Amai os vossos inimigos. O amor incondicional se expressa no perdão e na compaixão.

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu.

Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.

Wʼatamfo

"Moate wɔaka se, wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, nea mereka ne : monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo. Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa . modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso ? mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso ? Enti monyɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no no.

Monnɔ Mo Atamfo

"Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.

Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye, efisɛ ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so.

Seja o primeiro