Pular para o conteúdo
Publicidade

Ânimo

Por Bíblia Online

O ânimo vem de Deus. Ele nos fortalece, nos encoraja e renova nossas forças. Quando o desânimo chega, as promessas de Deus nos levantam e nos impulsionam a seguir em frente.

Awurade ne me hann ne me nkwagye;

hena na minsuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hena anim na me ho mpopo?

Atreneefo nkwagye fi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu bere mu.

Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;

woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.

Eyi nti migye di yiye Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.

Na ɔman no buae se, "Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforo. Efisɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn na ogyee yɛn ne yɛn agyanom fii nkoasom mu Misraim. Ɔyɛɛ anwonwade akɛse yɛn anim. Na yɛfaa sare so yɛn atamfo mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.

Ɛwɔ mu ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

Efisɛ mepere hwehwɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. Nea mekyerɛ ne me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den.

Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa foforo da biara.

Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.

Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,

Seja o primeiro