Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 138

Dawid de.

1 Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayeyi dwom "anyame" no anim.

2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo

na makamfo wo din

wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,

efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;

ama asen wo titiriwyɛ.

3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;

woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

4 Awurade, ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a,

ma wɔnkamfo wo.

5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade anuonyam kɛse.

6 Ɛwɔ mu Awurade ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,

na ahantanfo de, ohu wɔn akyirikyiri.

7 Ɛwɔ mu menam ɔhaw mu de,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

woteɛ wo nsa mʼatamfo abufuw so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8 Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu;

Awurade, wʼadɔe daa,

nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também