Aniversario de casamento
O aniversário de casamento celebra a fidelidade de Deus na jornada do casal. Cada ano juntos é testemunho da graça divina que sustenta o amor na vida a dois.
Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ.
Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.
Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma
bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu."
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.
Aseda
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa;
wo ho nni dɛm biara.
Meyɛ me dɔfo de,
na nʼapɛde ne me.
Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.
Nnamfonom:
Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
Paulo Mpaebɔ
Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.