Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 7

1 Wo nan ne mpaboa ,

Ɔdehye babea!

Wʼanantu a wugyina so te abohemaa,

odwumfo nsa ano adwuma.

2 Wo funuma kuruwa a enni nsa

a nsa pa mu bere biara.

Wo sisi atoko a wɔaboa ano

na sukooko atwa ho ahyia.

3 Wo nufu te atwemma abien,

atwemma nta.

4 Wo kɔn te asonse abantenten.

Wʼaniwa aba te Hesbon ntade

a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn.

Wo hwene te Lebanon abantenten

a ɛkyerɛ Damasko no.

5 Wo ti si so Karmel Bepɔw.

Wo tinwi te adehyetam a wɔadi mu adwinni;

wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.

6 Wo ho , ɔdɔ,

wo ho anigye na ɛma ahomeka ara!

7 Wo sibea te abɛ dua,

na wo nufu te aduaba kasiaw.

8 Mekae se, "Mɛforo abɛ dua no;

na maso nʼaba mu."

Wo nufu nyɛ bobe kasiaw,

na wo home mu hua nyɛ aprɛ.

9 Na wʼanom hua nyɛ bobesa papa.

Ababaa:

Ma bobesa no nkɔ me dɔfo tee,

ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.

10 Meyɛ me dɔfo de,

na nʼapɛde ne me.

11 Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa,

ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.

12 Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm

nkɔhwɛ bobe no agu nhwiren,

nhwiren no apaapae,

anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.

Ɛhɔ na mede me bɛma wo.

13 Adesaa yi ne hua,

na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano,

foforo ne dedaw,

a mede asie ama wo, me dɔfo.

Veja também