Ascensão
A ascensão de Jesus ao céu é a coroação de sua obra redentora. Ele subiu à destra do Pai, de onde voltará com poder e glória para buscar os seus.
Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.
Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, kaa sɛ, "Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio."
Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.
Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn."
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, "Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.
Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn:
Ɔbaeɛ onipa tebea mu,
Honhom no buu no bem,
na abɔfoɔ hunuu no,
wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,
na ewiase gyee no diiɛ,
wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.