Publicidade

Atos 1

Asafo No Asehyɛ

1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ 2 kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 3 Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn , ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. 4 Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn , "Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho a maka ho asɛm akyerɛ mo no. 5 Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu."

Yesu Sorokɔ

6 Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no , "Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?"

7 Yesu buaa wɔn , "Ɛho nhia mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato no. 8 Na Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano."

9 Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.

10 Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, 11 kaa , "Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio."

Wɔyi Matia Yuda Nanmusini

12 Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13 Wɔduruu no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ no ne:

Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;

Filipo, Toma,

Bartolomeo, Mateo,

Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

14 Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia mpaeɛ.

15 Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa : 16 Me nuanom, ɛsɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho ɔsom no mu.

18 (Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase faako a ɔwuiɛ . Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔn ankasa kasa mu Hekeldama a asekyerɛ ne , Mogya Asase.)

20 Petro toaa so kaa , "Wɔatwerɛ Dawid nnwom mu ,

" Ne efie nna mpan,

na ne som adwuma no, obi mfa.

21 Enti ɛsɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, 22 firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri , ɛsɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ."

23 Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ , "Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no, 25 ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no." 26 Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-