Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafoɔ 28

Yɛduru Malta

1 Yɛduruu mpoano no, ankyɛre na yɛhunuu yɛwɔ supɔ Malta so. 2 Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn so. Esiane na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ. 3 Paulo bubuu mmabaa ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyeɛ aka no no, bebaree ne nsa ho. 4 Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no ɔbebare ne nsa ho no, wɔkaa , "Saa onipa yi owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu ɛpo akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne enti, owuo ara na ɛtwa ɔwu." 5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. 6 Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakyeraa wɔn adwene kaa , "Ɔyɛ onyame bi."

7 Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano ; ɔgyee yɛn fɛw so, somm yɛn hɔhoɔ nnansa. 8 Saa ɛberɛ no ara na Publio agya yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato . Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den. 9 Deɛ Paulo yɛeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ. 10 Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn.

Yɛfiri Malta Roma

11 Yɛdii abosome mmiɛnsa supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ etire mmienu a ɛgyina ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no supɔ no so. 12 Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa . 13 Yɛfiri no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli. 14 Ɛha na yɛhyiaa agyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn , yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma. 15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn ɛkwan adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia ɛkwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Ɛberɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase. 16 Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.

17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Anuanom, ɛwom manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. 18 Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ wɔgyaa me, ɛfiri , wɔannya afɔbudeɛ bi me ho a ɛno enti ɛsɛ wɔgyina so kum me. 19 Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ wɔgyaa me no, mehunuu , ɛsɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa. 20 Yei enti na mepɛɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi."

21 Wɔbuaa Paulo , "Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri ba ha no nso nkyɛn. 22 Nanso, yɛpɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri , yɛnim baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no."

Paulo Asɛnka Roma

23 Wɔhyɛɛ da bi wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn faako a ɔte no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ ɔdane wɔn adwene. 24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni. 25 Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne . "Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom ,

26 "Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ ,

Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ.

Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,

27 ɛfiri mo, moapirim mo akoma;

moasi mo aso, akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ,

na mo akoma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ."

28 Paulo kaa , "Ɛsɛ mohunu Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!" 29 Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.

30 Paulo tenaa mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. 31 Na ɔde akokoɔduru kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também