Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafoɔ 11

Petro Yi Ne Ho Ano

1 Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. 2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa , 3 "Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi."

4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ , 5 "Na merebɔ mpaeɛ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. 6 Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. 7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me , Petro! Sɔre! Kum na we!

8 "Mebuaa , Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.

9 "Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio , Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka ɛho nte. 10 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.

11 "Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me , menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. 13 Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , Soma Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.

15 "Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara . 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa , Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no. 17 Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan."

18 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ , "Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu."

Antiokia Asafo

19 Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara. 20 Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no. 21 Esiane na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.

22 Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Ɔduruu a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran , wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso. 24 Esiane na Barnaba onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.

25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din "Akristofoɔ."

27 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm , ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no. 29 Asuafoɔ no yɛɛ adwene biribiara a obi no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também