Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafoɔ 23

1 Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa , "Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi." 2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no wɔmmɔ nʼano so. 3 Paulo ka kyerɛɛ no , "Wo a wote ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ wɔmmɔ me!"

4 Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no , "Sei na ɛsɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?"

5 Paulo buaa wɔn , "Anuanom, mennim ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka , Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’ "

6 Ɛberɛ a Paulo hunuu nnipa no bi Sadukifoɔ na ebi Farisifoɔ no, ɔteaam agyinatufoɔ no anim , "Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi." 7 Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu, 8 ɛfiri , na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di.

9 Nteateamu no kɔɔ so kɔsii Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa kaa , "Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!" 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ , wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

11 Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no , "Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ Roma."

Wɔbɔ Paulo Ho

12 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi wɔbɛkum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan. 14 Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn , "Yɛaka ntam, adi nse hwee renka yɛn ano kɔsi yɛbɛkum Paulo. 15 Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka , mopɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru no, na yɛakum no dada."

16 Nanso, Paulo wɔfaase bi tee a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu kɔbɔɔ Paulo amaneɛ.

17 Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no , "Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri , ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no." 18 Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn.

Wɔduruu no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no , "Paulo a ɔda afiase no asoma me memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo."

19 Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no , "Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?"

20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no , "Yudafoɔ mpanin no abɔ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie. 21 Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri , mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne , wobɛma ho ɛkwan."

22 Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no , "Nka nkyerɛ obiara woabɛka asɛm biara akyerɛ me."

Wɔde Paulo Kaesarea

23 Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn , "Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo."

25 Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka :

26 Me Klaudio Lisia

a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi,

kyea wo!

27 Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. 28 Mepɛɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no. 29 Mehunuiɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno enti, ɛberɛ a metee Yudafoɔ bi abɔ ne ho wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no , wɔmmra wʼanim mmɛka.

31 Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33 Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no . 35 "Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm." Afei, ɔhyɛɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também