Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafoɔ 25

Festo Di Paulo Asɛm

1 Festo bɛsii Felike ananmu amrado Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. 2 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3 Esiane na wɔabɔ Paulo ho wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4 Nanso, Festo buaa wɔn , ɛsiane Paulo da afiase Kaesarea na ɛrenkyɛre biara ɔno ankasa bɛkɔ enti, 5 wɔn a wɔdi asɛm no anim no ne no nkɔ nkɔdi asɛm no .

6 Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm. 7 Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so.

8 Paulo yii ne ho ano , "Menni biribiara ho , ɛfiri , menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso."

9 Esiane na Festo ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo , "Wopɛ mede wo Yerusalem kɔdi wʼasɛm anaa?"

10 Paulo buaa , "Esiane Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no. 11 mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare."

12 Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo , "Esiane woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim."

Paulo Ho Nkɔmmɔdie

13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ɔbarima bi ha a Felike gyaa no odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no mennyina so mmu no kumfɔ.

16 "Nanso, meka kyerɛɛ wɔn , Roma mmara mma ho kwan wɔbu obi ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. 18 Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. 19 Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka ɔte ase no ho. 20 Esiane na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo ɔpɛ mekɔdi nʼasɛm Yerusalem anaa? 21 Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim."

22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo , "Mepɛ mʼankasa metie nʼano asɛm."

Festo ka kyerɛɛ no , "Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm."

Paulo Gyina Ɔhene Agripa Anim

23 Adeɛ kyeeɛ no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafoɔ mpanimfoɔ ne kuro no mu mpanin kaa ne ho kɔɔ asɛnniiɛ . Festo hyɛ maa wɔde Paulo baa asɛnniiɛ . 24 Festo kaa , "Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafoɔ a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me memmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bɛbu no kumfɔ. Esiane ɔno ankasa dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare no enti, mayɛ mʼadwene mede no bɛkɔ nʼanim. 26 Esiane menni asɛm pɔtee bi a mɛtwerɛ akɔma Ɔhempɔn Kaesare enti, na mede no aba wo Ɔhene Agripa anim , wowie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so matwerɛ ne ho asɛm. 27 Mennye nni nteaseɛ wom mede odeduani bɛkɔ nʼanim a mentwerɛɛ biribi pɔtee bi a ɛtia no!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também