Publicidade

Bem

Por Bíblia Online

Fazer o bem é mandamento de Deus e expressão prática do amor cristão. A Bíblia convida a praticar o bem a todos, com alegria, sem se cansar — porque colheremos no tempo próprio.

Twe wo ho firi bɔne ho, na papa;

hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.

Fa wo ho to Awurade so na papa.

Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea .

Meda so saa anidasoɔ yi :

mɛhunu Awurade ayamyɛ

ateasefoɔ asase so.

Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo kɛseɛ

a ɛwɔ firi tete no.

Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne

ne mʼatuateɛ akwan;

kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,

Ao Awurade, ɛfiri wo .

Awurade tene nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.

Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ

ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

Deɛ onipa ne nokorɛ ;

ɛyɛ wobɛyɛ ohiani sene wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni a ɛtia yeinom.

Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn agyidifoɔ abusua.

Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ.

Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Onuadɔ

Ɛsɛ ɔdɔ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho.

Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

Wɔka , "Woama yɛn ho ɛkwan yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ." Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. "Wɔama yɛn ho ɛkwan yɛnyɛ biribiara." Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn.

"Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa."

Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata wodi.

Afei, mehwehwɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ den nsiesie wɔn ho. Na mmom, ɛsɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.

Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.

Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho.

wopere wopɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo?

Yei ne deɛ Awurade seɛ,

"Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;

mommisa tete akwan no,

mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,

na mobɛnya homeɛ ama mo akra.

Nanso mokaa , yɛnnante so.

Awurade ,

ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.

Nʼani wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.

Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mmɔborɔhunufoɔ no.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-