Publicidade

2 Pedro 1

1 Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn,

Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te yɛn deɛ no ara no:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.

Onyankopɔn Frɛ

3 Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. 4 Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.

5 Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; 6 na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; 7 na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho. 8 Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. 9 Na obiara a ɔnni bi no onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri wɔahohoro ne bɔne dada.

10 Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena afebɔɔ. moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso. 11 mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu.

12 Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no. 13 Mesusu , ɛyɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ saa asɛm yi ho. 14 Menim ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15 Mɛbɔ mmɔden mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara me wuo akyi.

16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. 17 Yɛwɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa , "Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!" no. 18 Yɛn ankasa tee nne no ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no Bepɔ Kronkron no so no.

19 Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ motie no yie ɛfiri , ɛte kanea a ɛhyerɛn sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn mo akoma mu no. 20 Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase. 21 Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.

Veja também

Publicidade
2 Pedro
Ver todos os capítulos de 2 Pedro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-