Publicidade

Bíblia

Por Bíblia Online

A Bíblia é a Palavra de Deus — viva, eficaz e mais cortante que espada de dois gumes. Toda Escritura é inspirada por Deus e útil para ensinar, repreender, corrigir e instruir em justiça.

Inspiração divina

Toda Escritura é inspirada por Deus. Homens santos falaram da parte de Deus movidos pelo Espírito Santo.

Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.

na wokae nso ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa. Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.

Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase. Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.

Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Poder da Palavra

A Palavra de Deus é viva e eficaz. O céu e a terra passarão, mas as minhas palavras jamais passarão.

Onyankopɔn asɛm) nkwa, na tumi mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi.

Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena daa.

Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ , Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ "

Osuo ne sukyerɛmma

firi soro gu fam,

na ɛnsane nkɔ bio

gye afɔ asase

ama afifideɛ ɛgu nhwiren,

sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.

Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:

Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.

Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ

na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.

Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron.

Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri , mogye di ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ!

nanso Awurade asɛm no daa nyinaa."

Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

Awurade Mmara Ho Setie

Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?

Ɛsɛ ɔdi wʼasɛm so.

Wo nsɛm nyinaa nokorɛ;

na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.Awurade

Estudar e pregar

Os bereanos examinavam as Escrituras diariamente. Procura apresentar-te a Deus aprovado como obreiro que maneja bem a Palavra.

Na nnipa a wɔwɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ wɔhunu nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no nokorɛ anaa.

Sɛdeɛ Paulo taa no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ Atwerɛsɛm no ho, kyerɛɛ mu, dii adanseɛ ɛsɛ , Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa , "Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no."

Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa , "Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?"

Dabeni no buaa no , "Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye obi kyerɛ me aseɛ." Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn ne teaseɛnam no mu.

Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,

"Ɔte odwammaa a wɔrekɔku no.

Sɛdeɛ odwammaa dinn ne nwitwitwafoɔ anim no,

saa ara na wammue nʼano.

Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.

Ɛfiri , na Ɛsra asi nʼadwene pi , ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi. Wɔanhyɛ ho nkɔm , ɛsɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?" Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn , wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ."

Monkɔka nkyerɛ wɔn , Onyankopɔn Ahennie no abɛn!

Revelação e fidelidade

A Palavra do Senhor veio aos profetas. A graça de Deus se manifestou na Escritura para a salvação de todos.

Elia Ne Sarefat Ɔbaa Kunafoɔ No

Na Awurade ka kyerɛɛ Elia ,

Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn :

Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel.

Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:

Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia ,

Awurade Adom Afe

Otumfoɔ Awurade Honhom me so,

ɛfiri , Awurade asra me ngo

menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.

Wasoma me , menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,

me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ

na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,

mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me , menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,

na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ Sion no deɛ wɔhia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ

nsi nsõ anan mu;

anigyeɛ ngo

nsi awerɛhoɔdie anan mu,

ayɛyie atadeɛ

nsi abasamutuo honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum

deɛ Awurade adua

de ada nʼanimuonyam adi.

Viver pela Palavra

Não só de pão vive o homem. Nada acrescentes nem diminuas. A Palavra é alimento, guia e espada do cristão.

"Onyankopɔn asɛm biara nokorɛ;

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

Awieeɛ

Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ : obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu saa nwoma yi mu no ho. Na obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu no.

Mo ho me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho. Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri , nnipa bi a wɔredane mo adwene wɔsesa Kristo Asɛmpa no. Na yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. Yɛaka dada na mereti mu bio : Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.

Monkae nhunu Awurade boasetɔ ɛfiri ɔpɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.

Biribiara a wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.

Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye obi ka kyerɛ wɔn. Na wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ , "Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan ."

Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa , "Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?" Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.

Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no nsɛm a aba nni mu, ɛfiri , wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ.

Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ , nnipa a wɔpɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene wɔn a wɔgye asɛm a "aba nni mu" a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa.

Yudafoɔ hwehwɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.

Kristo ansoma me memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.

Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-