Publicidade

Esdras 7

Ɛsra Yerusalem

1 Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso Hilkia babarima 2 na ɔno nso Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima 3 na ɔno nso Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso Meraiot babarima 4 a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso Buki babarima 5 a ɔno Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima. 6 Na saa Ɛsra yi mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri , na Awurade ahummɔborɔ nsa no ne so. 7 Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so.

8 Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. 9 Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa ne so. 10 Ɛfiri , na Ɛsra asi nʼadwene pi , ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.

11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ :

12 Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie:

13 Mahyɛ mmara , Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn mu ne wo nkɔ Yerusalem. 14 Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo , gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. 15 Yɛbɔ wʼaba so nso , fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no . 16 Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama , wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. 17 Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ wɔde ara anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so.

18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di ɛyɛ mo Onyankopɔn . 19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. 20 mo sika sa biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mommisa sika mfiri adehyeɛ fotoɔ mu.

21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam : Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri , ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni. 22 Ɛsɛ moma no kɔsi dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, atokoɔ susukora ahanum, nsã gyare ahanum aduonum, ngo gyare ahanum aduonum ne nkyene a wɔbu ano a ɛnyɛ yie. 23 Monhwɛ yie, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn enti na ɛsɛ yɛma Onyankopɔn abufuo ba ɔhene ne ne mmammarima so? 24 Mesane hyɛ , ɛnsɛ ɔsɔfoɔ, Lewini, dwomtofoɔ, ɛpono ano sohwɛfoɔ, asɔredan mu ɔsomfoɔ anaa obiara a ɔyɛ adwuma asɔredan mu tua toɔ biara.

25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. 26 Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase asotwe.

27 Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. 28 Na ayɛyie nka no , ɔdaa ne kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me animuonyam ɔhene, nʼagyinatufoɔ ne nʼahenemma atumfoɔ no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, ɛfiri , na Awurade, me Onyankopɔn nsa me so. Na meboaboaa Israel ntuanofoɔ no bi ano , wɔnka me ho na yɛnkɔ Yerusalem.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-