Pular para o conteúdo
Publicidade

Compaixão

Por Bíblia Online

A compaixão é o coração de Deus em ação. Ele é compassivo e misericordioso, tardio em irar-se e grande em amor. Somos chamados a refletir essa compaixão no mundo.

Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,

Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,

wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.

Esiane , wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti

mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.

Awurade kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ.

Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.

Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;

wo nokorɛdie kɛseɛ.

"Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano

a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?

Ebia ne werɛ bɛfiri,

na me werɛ remfiri wo!

Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam

wʼafasuo mʼani so daa.

Nanso, Awurade ɔdom mo;

ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.

Ɛfiri Awurade ɔteneneeni Onyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

Hwan na ɔte wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabofuo nntena daa

na mmom wʼani gye wobɛda mmɔborɔhunu adi.

"Mɛhyɛ Yuda fie den

na magye Yosef fie no nkwa.

Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu

ɛfiri me yam hyehye me wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te deɛ

mempoo wɔn mpo,

na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn

na mɛgye wɔn so.

"Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho. Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.

Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.

Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Papayɛ So Amanehunu

Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase.

obi ɔdefoɔ na ɔhunu biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka ɔdɔ Onyankopɔn nʼakoma mu?

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase. Ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ.

Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.

Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.

Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.

Seja o primeiro