Pular para o conteúdo
Publicidade

Zacarias 10

Awurade Bɛhwɛ Yudafoɔ

1 Mommisa Awurade nsuo osutɔberɛ mu;

ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.

Ɔma osuo ma nnipa nyinaa,

ne mfudeɛ nso ma obiara.

2 Ahoni no ka nnaadaasɛm,

nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;

wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,

wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.

Enti nnipa no nenam te nnwan

a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.

3 "Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,

na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.

Na Asafo Awurade bɛhwɛ

ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,

na wayɛ wɔn animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

4 Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,

na ntomadan pɛɛwa bɛfiri ,

ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,

na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.

5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ nnɔmmarima

a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu ɔko mu.

Esiane Awurade ka wɔn ho no enti,

wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.

6 "Mɛhyɛ Yuda fie den

na magye Yosef fie no nkwa.

Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu

ɛfiri me yam hyehye me wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te deɛ

mempoo wɔn mpo,

na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn

na mɛgye wɔn so.

7 Efraimfoɔ bɛyɛ nnɔmmarima,

wɔn ani bɛgye te deɛ wɔanom nsã.

Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;

wɔbɛdi ahurisi wɔn akoma mu Awurade mu.

8 Meto nsa afrɛ wɔn

aboaboa wɔn ano.

Ampa ara megye wɔn bio;

wɔbɛdɔɔso kane no.

9 Ɛwom mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,

nanso wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so.

Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,

na wɔbɛsane aba.

10 Mede wɔn bɛfiri Misraim aba

mɛboa wɔn ano afiri Asiria.

Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,

na wɔrensene .

11 Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,

nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.

Nil mu nsuo nyinaa bɛwe

Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase

na Misraim ahempoma bɛtwam.

12 Mɛhyɛ wɔn den Awurade mu

na ne din mu na wɔbɛnante,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Veja também