Deus
Deus é a realidade suprema do universo — o criador, sustentador e redentor de tudo o que existe. Conhecê-lo é a essência da vida eterna e o maior privilégio da existência humana.
Quem é Deus
Não há santo como o Senhor. Tu és grande e fazes maravilhas — só tu és Deus. Sua majestade transcende toda compreensão.
"Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.
"Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm!
Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn;
mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,
ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu
ayɛ anwanwadeɛ bebree,
nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
"Na mʼadwene nnyɛ mo adwene,
na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,"
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Deus é amor
Deus é amor. Quem permanece no amor permanece em Deus e Deus nele. Nós amamos porque Ele nos amou primeiro.
Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu.
Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane.
Sɛ obi ka sɛ, "Medɔ Onyankopɔn" na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no.
Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.
Nʼani bɛgye wo ho
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Buscar a Deus
Buscareis o Senhor e o encontrareis quando o buscardes de todo o coração. Provai e vede que o Senhor é bom.
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no.
Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ.
Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.
Meka kyerɛɛ Awurade sɛ,
"MʼAwurade ne wo;
menni adepa biara ka wo ho."
Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho?
Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa
na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.
Viver com Deus
Sê forte e corajoso, porque o Senhor teu Deus é contigo. Em Deus encontramos a razão de existir.
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."
Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo.
"Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,
na Awurade animuonyam apue wo so.
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,
deɛ ɔkura wo nsa nifa mu
na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro;
mɛboa wo.
Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa.
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.