Publicidade

2 Samuel 7

Onyankopɔn Hyɛ Dawid Ɛbɔ

1 Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no, 2 Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan , "Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu."

3 Na Natan buaa ɔhene no , "Biribiara a woadwene ho wobɛyɛ no, so na , na Awurade ka wo ho."

4 Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so ,

5 "Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid , Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa? 6 Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ beaeɛ. 7 Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no , "Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?" 

8 "Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid , Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. 9 Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din asase yi nyinaa so. 10 Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ ɛberɛ bi a atwam no, 11 ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.

" Na Awurade aka akyerɛ wo , ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie. 12 Na wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase. 13 Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ. 14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15 Nanso, merenyi me mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no. 16 Wo fie ne wʼahemman bɛtim mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena daa.’ "

17 Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.

Dawid Aseda Mpaeɛbɔ

18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ ,

"Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ? 19 Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka wobɛma me ahennie a ɛte daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ?

20 "Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri , wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. 21 Wʼasɛm ne wo mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.

22 "Wo kɛseyɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte wo, Onyankopɔn bi nni wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! 23 Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ. 24 Woatim wo nkurɔfoɔ Israel wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.

25 "Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena daa. 26 Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka , Awurade Otumfoɔ Israel so Onyankopɔn.Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wʼanim.

27 "Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri woakyerɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me. 28 Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho . 29 Afei, ma ɛnyɛ wo wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-