Publicidade

Salmos 56

Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no Gat no.

1 Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so;

da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.

2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;

wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.

3 mebɔ hu a,

mede me ho bɛto wo so.

4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.

Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?

5 Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne;

ɛberɛ biara wɔbɔ wɔbɛteetee me.

6 Wɔbɔ , na wɔtetɛ,

wɔhwɛ mʼanammɔntuo,

na wɔpere wɔbɛkum me.

7 Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni;

Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wʼabufuo mu.

8 Twerɛ me kwadwom to ;

sese me nisuo wo nwoma mmobɔeɛ no mu.

Ɛnni deɛ woatwerɛ ato no mu anaa?

9 mepɛ mmoa firi wo a,

mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi.

Yei bɛma mahunu Onyankopɔn mʼafa.

10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.

Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?

12 Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase,

mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.

13 Ɛfiri , woagye me afiri owuo mu,

woamma me nan ansunti,

sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim

nkwa hann mu.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Mma Wɔnsɛe No."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-