Publicidade

2 Reis 20

Hesekia Yadeɛ Ne Nʼayaresa

1 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri , wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae."

2 Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ , 3 "Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wʼanim." Na Hesekia suu bebree.

4 Na ansa na Yesaia bɛfiri adihɔ no mfimfini no, Awurade de asɛm yi bɛsii ne so , 5 "Sane Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no , Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu. 6 Mede mfeɛ dunum bɛka wo mfeɛ ho, na mɛgye wo ne saa kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Me ɔsomfoɔ Dawid enti, mɛyɛ yei, de agye mʼanimuonyam.’ "

7 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfoɔ no , "Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so." Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden.

8 Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia , "Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?"

9 Yesaia buaa , "Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?"

10 Hesekia buaa , "Sunsum no nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi."

11 Enti, Yesaia bisaa Awurade ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu Ahas sunsumma susuniwa no so.

Babilonia Ananmusifoɔ

12 Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan20.12 Wɔde Merodak too Marduk a ɛyɛ Babilonia nyame no. soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri , na wate yare denden bi bɔɔ Hesekia. 13 Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie anaa nʼahemman mu a Hesekia ankyerɛ wɔn.

14 Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no , "Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?"

Hesekia buaa , "Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ."

15 Yesaia bisaa no , "Ɛdeɛn na wɔhunuu wʼahemfie ?"

Hesekia buaa , "Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn."

16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia , "Tie saa asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn yi: 17 Ɛberɛ bi reba a biribiara a wowɔ no, agyapadeɛ a wʼagyanom akora no nyinaa, wɔbɛtwe akɔ Babilonia a ɛrenka hwee. Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: 18 Wʼankasa wʼasefoɔ bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ apiafoɔ a wɔbɛsom Babiloniahene ahemfie."

19 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia , "Saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi asɛm papa." Nanso, na ɔhene no redwene , "Me berɛ so deɛ ɛsɛ yɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ."

20 Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka20.20 Hesekia twaa asase ase nsuka firii Asubɔnten Gihon mu, sɛdeɛ ɛba sɛ otua bi ba a, wɔbɛnya nsuo. maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 21 Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, ne babarima Manase na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-