Publicidade

Salmos 118

1 Monna Awurade ase ɛfiri ɔyɛ,

na nʼadɔeɛ daa.

2 Momma Israel nka ,

"Nʼadɔeɛ daa."

3 Momma Aaron fie nka ,

"Nʼadɔeɛ daa."

4 Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka ,

"Nʼadɔeɛ daa."

5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade;

ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

6 Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

7 Awurade ne me ; ɔyɛ me ɔboafoɔ.

Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.

8 Ɛyɛ yɛbɛhinta Awurade mu

sene yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.

9 Ɛyɛ yɛbɛhinta Awurade mu

sene yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ,

nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ baabiara,

nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.

12 Wɔkyere guu me so nwowa,

nanso wɔhyee ntɛm so nkasɛɛ a ogya atɔ mu;

Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

13 Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

14 Awurade mʼahoɔden ne me dwom;

wayɛ me nkwagyeɛ.

15 Osebɔ ne nkonimdie

gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu ,

"Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!

16 Wɔapagya Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!"

17 Merenwu, mmom mɛtena ase

na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.

18 Awurade atwe mʼaso denden,

nanso ɔnnyaa me mmaa owuo.

19 Bue tenenee apono ma me;

na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.

20 Awurade ɛpono nie;

ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu.

21 Mɛda wo ase ɛfiri wogyee me so;

na woayɛ me nkwagyeɛ.

22 Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no,

abɛyɛ tweatiboɔ.

23 Awurade na ayɛ yei,

na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.

24 Ɛnnɛ ɛda a Awurade ayɛ.

Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

25 Ao Awurade, gye yɛn nkwa;

Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ.

26 Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.

Yɛhyira wo firi Awurade fie.

27 Awurade Onyankopɔn,

na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.

Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen

nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.

28 Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase;

wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.

29 Monna Awurade ase, ɛfiri ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ daa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-