Publicidade

Salmos 84

Kora mma dwom.

1 Ao Asafo Awurade,

wʼatenaeɛ ahomeka!

2 Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,

ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;

mʼakoma ne me honam team

frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.

3 Mpo akasanoma anya fie,

na asomfena nso anwono ne pirebuo,

baabi a ɔbɛhwane ne mma

beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,

Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.

4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;

na wɔkamfo wo din daa.

5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,

na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.

6 wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,

wɔma nsuwansuwa;

osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.

7 Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa,

kɔsi wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim Sion.

8 Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ;

Ao Yakob Onyankopɔn, aso ma me.

9 Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm;

fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.

10 Wʼadihɔ da korɔ tena

sene nnafua apem baabi foforɔ;

mepɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ Onyankopɔn fie

sene mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.

11 Ɛfiri Awurade Onyankopɔn owia ne ɛkyɛm;

Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam;

ɔremfa ade pa biara nkame

wɔn a wɔteneɛ.

12 Ao Asafo Awurade,

nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-