Pular para o conteúdo
Publicidade

Domínio próprio

Por Bíblia Online

O domínio próprio é fruto do Espírito e marca de maturidade espiritual. A Bíblia ensina que quem governa o próprio espírito é melhor do que quem conquista uma cidade.

Fruto do Espírito

O fruto do Espírito inclui domínio próprio. A graça de Deus nos ensina a viver de maneira sóbria e justa neste mundo.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni a etia eyinom.

Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Nʼadom no kyerɛ yɛn , yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wiase ha. Yɛwɔ anidaso bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio anuonyam mu no.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho.

Governar a si mesmo

Melhor é o que domina o seu espírito do que o que toma uma cidade. A cidade sem muros é o homem sem domínio próprio.

Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo,

na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn.

Onipa a onni ahohyɛso no

te kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.

Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,

nanso onyansafo hyɛ ne ho so.

Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,

na nea ɔkora ne tɛkrɛma no onyansafo.

Munim mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no. Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. Ɛno nti na meretu mmirika mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete okuturukuboni a ne kuturuku mfom no. Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.

Na morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye mobɛware sen mobɛhyɛ mo ho ahometew.

Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.

Disciplina e vigilância

Sede sóbrios e vigilantes. O diabo anda em derredor como leão rugidor. A sobriedade nos protege e fortalece.

Mo ani nna ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene. Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.

Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae.

Abrabɔ Foforo

Esiane Kristo huu amane ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ nea wahu amane ɔhonam mu no ne bɔne nni biribiara . Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka asase so ha no, ɛsɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu. Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo. Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no.

Ɛsɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronkronyɛ ne anuonyam mu. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no.

O senhorio de Cristo

Todo domínio pertence a Cristo. Ele é Senhor dos senhores e Rei dos reis — e nos capacita a viver em santidade.

Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa;

nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa.

Me kra, kamfo Awurade!

Wʼahenni daa ahenni,

na wo tumidi ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

"Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman nea wɔrensɛe no da."

Ɛyɛ me anigye mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me.

Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne kɛse fa!

Na hwɛ sɛnea tumi a ɛwɔ nʼanwonwade no mu so fa!

Nʼahenni daa ahenni;

ne tumi teɛ awo ntoatoaso nyinaa so.

Na wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabarima,

na amammui no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoe Wura.

Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe

bɛtena daa.

Ɔbɛtena Dawid ahengua so

abu Nʼahenni,

Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ

befi ase na wama atim

afi saa bere no akosi daa apem.

Asafo Awurade mmɔdemmɔ

bɛyɛ eyi.Awurade

Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.

bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so ɔsoro ahemman no mu no. Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu.

Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no ne de a ɛwɔ anuonyam no.

Efisɛ yenim wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio.

Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.

Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. Afei, Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. Efisɛ ɛsɛ Kristo di hene kosi obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase.

"Tumi ne suro Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ ɔsorosoro.

Seja o primeiro