Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 25

Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa

1 Na Suhini Bildad buae se,

2 "Tumi ne suro Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ ɔsorosoro.

3 Wobetumi akan nʼakofo ana?

Hena na ne hann nhyerɛn ne so?

4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ Onyankopɔn anim?

Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?

5 Mpo ɔsram nhyerɛn

na nsoromma nyɛ kronn nʼani so a,

6 na nkantom onipa a ɔte nsaammoa,

onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!"

Veja também