Pular para o conteúdo
Publicidade

Esperar em Deus

Por Bíblia Online

Esperar em Deus não é passividade — é confiança ativa no Senhor que age no tempo perfeito. Os que esperam nele não serão confundidos nem envergonhados.

Esperança em Deus

Descanse somente em Deus, ó minha alma, pois dele vem a minha esperança. Ele é rocha e salvação — não serei abalado.

Yiw me kra, gye wʼahome Onyankopɔn nko ara mu;

na ne mu na mʼanidaso .

komm Awurade anim na wo bo ase twɛn no,

nhaw wo ho wɔn a asi wɔn yiye ho

efisɛ wɔnam bɔne akwan so.

Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,

nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no

wobenya asase no adi so.

Montwɛn Awurade

na monhwɛ nʼakwan.

Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;

wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.

Mede boasetɔ twɛn Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,

na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.

Metwɛn Awurade

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.

Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara

anim rengu ase da,

mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no

anim begu ase.

Awurade, meretwɛn wo;

Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

Twɛn Awurade.

Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru

na twɛn Awurade.

Confiança na espera

O Senhor é bom para os que esperam nele. O olho não viu o que Deus preparou para os que o amam e o aguardam.

Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

benya ahoɔden foforo.

Wɔde ntaban akɔre de betu akɔ wim;

wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.

Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ;

yɛn ani da wo so.

yɛn ahoɔden anɔpa biara,

ne yɛn nkwagye ahohia mu.

Efi teteete obiara ntee,

entwaa obiara aso mu,

ani biara nhuu Onyankopɔn bi wo,

nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.

Nka se, "Metua wo saa bɔne yi so ka!"

Twɛn Awurade, na obegye wo.

Boasetɔ Ne Mpaebɔ

Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere. Ɛsɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.

na montena Onyankopɔn mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no.

Seja o primeiro