Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 38

Dawid dwom. Adesrɛ.

1 Awurade, nka mʼanim wʼabufuw mu

na ntwe mʼaso wʼabufuwhyew mu.

2 Wo bɛmma hwirew me mu,

na wo nsa adwerɛw me.

3 Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu;

me bɔne nti, me nnompe ahodwow.

4 Mʼafɔdi amene me

te adesoa a mu duru dodo.

5 Mʼakuru bɔn na aporɔw

esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.

6 Makotow na wɔabrɛ me ase;

da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.

7 Mʼakyi dompe mu yaw boro so:

ahoɔden biara nni me nipadua mu.

8 Mabrɛ na mapɛtɛw koraa.

Me koma mu yaw ma misi apini.

9 Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;

mʼapinisi nhintaw wo.

10 Me koma kitirikitiri, na mʼahoɔden asa

mpo mʼaniwa aduru sum.

11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me;

mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ wokum me no sum me mfiri,

wɔn a wɔpɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ

da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.

13 Mete ɔsotifo a ɔnte asɛm,

mete mum a ontumi nkasa.

14 Mayɛ obi a ɔnte asɛm,

nea nʼano ntumi mma mmuae.

15 Awurade, meretwɛn wo;

Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

16 Mekae se, "Mma wɔn ani nnye;

anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no."

17 Mereyɛ mahwe ase,

na me yaw da so me mu.

18 Meka me mfomso kyerɛ;

me bɔne hyɛ me so.

19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;

wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,

me ahohora bere a mereyɛ papa.

21 Awurade nnyaw me.

Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!

22 Bra ntɛm bɛboa me,

Awurade, mʼAgyenkwa.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.

Veja também