Família
A família é a primeira instituição criada por Deus. Ele a projetou para ser escola de amor, fé e formação de caráter. A Bíblia honra a família e nos ensina a cuidar dela.
Eu e minha casa
Eu e minha casa serviremos ao Senhor. A família que serve a Deus juntos permanece unida e fortalecida em todas as circunstâncias.
Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee wɔ bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade."
Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee wɔ bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade."
Wobuae se, "Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa."
Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da.
Criar os filhos
Instrui a criança no caminho em que deve andar. O lar é a primeira escola de fé e obediência.
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,
na sɛ onyin a ɔremfi so.
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,
na sɛ onyin a ɔremfi so.
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri
ne wo kɔn mu atweaban.
Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya ahyɛde
na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Mma Ne Awofo
Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. "Di wʼagya ne wo na ni," eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho,
Honrar e amar
Honra teu pai e tua mãe. A família funciona com perdão, paciência e amor incondicional entre todos os seus membros.
Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!"
Awaregyae
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yare.
Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, "Wopene awaregyae so ana?"
Yesu nso bisaa wɔn se, "Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu."
Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, "Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?"
Yesu buaa wɔn se, "Esiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe. Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware."
Yesu asuafo no kae se, "Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware."
Yesu buaa wɔn se, "Ɛnyɛ obiara na obetumi agye asɛm yi ato mu, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so."
Yesu Hyira Mmofra Nkumaa
Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim.
Yesu kae se, "Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea." Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.
Ahonya Ne Onyankopɔn Ahenni No
Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, "Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?"
Yesu buaa no se, "Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so."
Aberante no nso bisaa no se, "Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?"
Yesu buaa no se, "Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!"
Aberante no nso kae se, "Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?"
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi."
Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!"
Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, "Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?"
Yesu hwɛɛ wɔn buae se, "Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu."
Ahopakyi
Petro nso kae se, "Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?"
Yesu buae se, "Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan."
Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.
Sɛ obi ka se, "Medɔ Onyankopɔn" na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no.
Cuidar da família
Quem não cuida dos seus negou a fé. A família é responsabilidade sagrada — prover, proteger e abençoar é mandamento divino.
Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.
Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.
Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Asafo No Mpaapaemu
Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako.
Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a efi no.
Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotoku ayɛ ma.
Nʼanim rengu ase
bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.
Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten
Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so,
na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,
wɔn a wodi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten
Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so,
na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,
wɔn a wodi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ
sɛ anuanom bɔ mu tena faako!
Unidade familiar
A coroa dos velhos são os filhos dos filhos. O casamento, os filhos e a comunhão familiar são bênçãos de Deus.
Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam,
na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa.
Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam,
na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa.
Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu,
wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,
na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,
ɛno de, me koma ani begye;
Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree;
nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.
Salomo Mmebusɛm
Salomo mmebusɛm:
Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,
na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.
Wie wo mfikyidwuma
na siesie wo mfuw;
ɛno akyi, si wo fi.
Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua,
nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.
Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade,
na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.
Casamento e família
O homem deixará pai e mãe e se unirá à sua mulher. A família começa no casamento — aliança sagrada diante de Deus.
Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.
Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, "Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so."
Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
Nanso eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu. Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro. Na nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu."
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?"
"Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano
a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana?
Ebia ne werɛ befi,
na me werɛ remfi wo!
Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam
wʼafasu wɔ mʼani so daa.
Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no.