Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Reis 8

Wɔde Apam Adaka No Ba Asɔredan Mu

1 Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, wonhyia Yerusalem. Na ɛsɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo Asɔredan mu . 2 Wɔn nyinaa behyiaa ɔhene anim afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.

3 Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so. 4 Afei, asɔfo no ne Lewifo maa Awurade Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho. 5 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre adaka no anim.

6 Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron . Wɔde sii kerubim no ntaban ase. 7 Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu Adaka no so, ma ɛyɛɛ kyinii Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so. 8 Na nnua a esuso mu no woware ara kosi , obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so besi nnɛ. 9 Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu Horeb no, faako a Awurade ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no.

10 Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma. 11 Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.

Salomo Hyira Nnipa No

12 Na Salomo bɔɔ mpae se, "Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. 13 Nanso masi Asɔredan a ɛwɔ anuonyam ama wo a wubetumi atena mu afebɔɔ."

14 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, 15 "Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wadi a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so. 16 Na ɔka kyerɛɛ mʼagya se, Efi da a mede me nkurɔfo Israel fi Misraim bae no, manyi kurow biara Israel mmusuakuw no mu a ɛsɛ wosi asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Nanso mprempren, mayi Dawid onni hene me nkurɔfo so.’ "

17 Na Salomo kaa se, "Mʼagya Dawid pɛɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 18 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, Eye wopɛ wusi Asɔredan de hyɛ me din anuonyam, 19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.

20 "Na mprempren, Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho no, efisɛ madi ade ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 21 Na masiesie baabi ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ bere a oyii wɔn fii Misraim no."

Salomo Mpaebɔ

22 Na Salomo gyinaa , pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro Awurade afɔremuka no anim Israelfo no nyinaa anim. 23 Ɔbɔɔ mpae se,

"Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni a ɔte wo ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ wɔyɛ wʼapɛde nso. 24 Wo a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.

25 "Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn so di wo a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.26 Enti afei, Israel Nyankopɔn, di a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid no so.

27 "Ɛyɛ nokware Onyankopɔn bɛtena nnipa mu asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. 28 Tie me mpaebɔ ne mʼadesrɛ, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ a wo somfo resu ne mpae a wo somfo rebɔ akyerɛ wo nnɛ. 29 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ ha no. 30 Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote no, na wote a, fa kyɛ.

31 "obi fom obi, na ɛho hia ɔka ho ntam onnim ho hwee afɔremuka no anim Asɔredan no mu a, 32 ɛno de, tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.

33 "atamfo di wo nkurɔfo Israel so, efisɛ wɔayɛ bɔne atia wo, na wɔdan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpae Asɔredan mu ha a, 34 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.

35 "ɔsoro mu to, na osu ntɔ, efisɛ wo nkurɔfo ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpae Asɔredan mu ha, wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdan fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, 36 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo wɔn agyapade sononko no so.

37 "ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, 38 wo nkurɔfo mpae wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa asɔredan yi mu a, 39 tie fi ɔsoro, nea wote , na fa kyɛ. Fa biribiara a eye ma wo nkurɔfo ma wɔn, na wo nko ara na wunim onipa koma mu. 40 Na wobesuro wo, na wɔanantew wʼakwan so, mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.

41 "Na ananafo te wo nka, na wofi akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛse no a, 42 wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnne akɛse no ne wo tumi ho asɛm, na wɔbɔ mpae saa asɔredan yi mu a, 43 tie fi ɔsoro a wote no, na wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahu, na wɔasuro wo, sɛnea wo ara wo nkurɔfo Israelfo no. Wɔn nso behu , wo din da saa Asɔredan a masi yi so.

44 "wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 45 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na wɔn abisade ma wɔn.

46 "wɔyɛ bɔne tia wo a, na hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn, na woama wɔn atamfo adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. 47 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, mpae se, Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,48 na wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a, 49 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro baabi a wote . wɔn apɛde ma wɔn, 50 na fa wo nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafo nhu wɔn mmɔbɔ, 51 efisɛ wɔyɛ wo nkurɔfo, wʼagyapade sononko a wuyii wɔn fii Misraim dadenan nyansramma mu.

52 "Bue wʼani ma mʼabisade ne wo nkurɔfo Israelfo abisade. Bere biara a wobesu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so. 53 Efisɛ bere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim no, Otumfo Awurade, woka kyerɛɛ wo somfo Mose se, woatew Israel afi aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho , wɔnyɛ wʼagyapade sononko."

Asɔredan No Anobue

54 Bere a Salomo wiee saa mpaebɔ ne nʼabisade a ɔde dan Awurade no, ogyinaa Awurade afɔremuka anim, faako a na ɔtaa bu nkotodwe no, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. 55 Ogyinaa teɛɛ mu, hyiraa Israelfo no se,

56 "Ayeyi nka Awurade a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho no. Trenee a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni a amma mu. 57 Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da. 58 Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so. 59 Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpae Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn, betie me ne Israelfo, na wayɛ nea ehia yɛn daa ama yɛn. 60 Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhu Awurade Onyankopɔn, na onyame foforo biara nni . 61 Na mo a moyɛ ne nkurɔfo no, nni Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nokware daa. Munni ne mmara ne nʼahyɛde so daa, sɛnea moyɛ no nnɛ yi."

62 Na ɔhene no ne Israelfo a wɔka ne ho no bɔɔ afɔre maa Awurade. 63 Salomo bɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade. Nʼafɔrebɔde no anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade.

64 Saa da no ara, ɔhene no tew Asɔredan no adiwo no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no ho. Ɔbɔɔ ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no , efisɛ na kɔbere mfrafrae afɔremuka a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo ebetumi akora afɔrebɔde bebree.

65 Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat8.65 Lebo Hamat: Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɛha ase sɛ, na nnipadɔm aboaboa wɔn ho ano akyirikyiri baabi te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi asuwa bi a ɛwɔ Misraim a ɛkɔ anafo fam no. atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no. 66 Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.

Veja também