Gratidão a Deus
A gratidão a Deus é atitude que transforma a vida. Reconhecer que toda boa dádiva vem de Deus nos leva a louvar, servir e viver com alegria e propósito.
Tudo vem de Deus
Toda boa dádiva vem do alto. Agradecer a Deus é reconhecer que Ele é a fonte de toda bênção e sustento.
Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so.
Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.
Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
Mpaebɔ Ho Akwankyerɛ
Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
Munnye ntin na munyin wɔ ne mu; na mo gyidi mu nyɛ den daa, sɛnea wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.
Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.
Louvor e gratidão
Louvai ao Senhor e dai-lhe graças! Ele fez maravilhas e é digno de todo louvor e agradecimento.
Mede aseda bɛma Awurade,
ne trenee nti,
na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no "gittit" sanku nne so.
Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn,
na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ
na mede aseda ahyɛ no anuonyam.
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,
"Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!"
Onyankopɔn, yɛda wo ase,
yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn;
nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no,
beyi wo ayɛ daa nyinaa;
efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso,
yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no "Sonannim Edut" sanku nne so.
Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,
na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw;
wuyii mʼatweaatam fii me ho
na wode anigye furaa me,
sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.
Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.
Monna Awurade ase, efisɛ oye
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Expressões de gratidão
Dar graças com oração e súplica. A gratidão se expressa em palavras, atos e atitudes que glorificam a Deus.
Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim.
na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.
Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.
Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.
biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
kae se,
"Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn,
wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw,
wonam wo tumi kɛse so
afi ase redi hene!
Nanso me, mede ayeyi nnwom
bɛbɔ afɔre ama wo.
Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.
Nkwagye fi Awurade."