Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 75

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, yɛda wo ase,

yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn;

nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.

2 Woka se, "Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no;

ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.

3 asase ne so nnipa nyinaa wosow a,

me na mema nʼafadum gyina pintinn.

4 Meka kyerɛ ahantanfo se, Monnhoahoa mo ho bio,

na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, Mommma mo mmɛn so.

5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;

mommfa animtiaabu nkasa.’ "

6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe

anaa sare no so a obetumi ama obi so.

7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn:

Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.

8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam

nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma;

ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa

nom ma ɛka ase puw.

9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa;

mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.

10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn,

na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

Veja também