Incentivo
A Bíblia é fonte inesgotável de incentivo. Em cada página, Deus nos encoraja a não temer, a perseverar e a confiar que Ele está conosco e é maior que qualquer adversidade.
Deus é por nós
Se Deus é por nós, quem será contra nós? O Senhor fortalece, sustenta e guia seus filhos em cada batalha e desafio.
Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?
Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ;
mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;
mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so
bɛnya ahoɔden foforɔ.
Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;
wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.
Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.
Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso."
Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.
Esperança e perseverança
A tribulação produz perseverança, a perseverança produz caráter, e o caráter produz esperança que não decepciona.
Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.
"Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!"
Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da. Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa.
Yesu bisaa no sɛ, "Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die."
Deus cuida de nós
Entrega o teu caminho ao Senhor. Lança sobre Ele as tuas ansiedades, porque Ele tem cuidado de nós diariamente.
Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;
na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a,
ɔma nʼanammɔntuo si pi.
Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase,
ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
Fa wo haw to Awurade so
na ɔno na ɔbɛgye wo;
ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,
na ɔgye me so.
Merensuro atamfoɔ mpem mpem a
wɔatwa me ho ahyia no.
Futuro e promessas
Eu sei os planos que tenho para vocês — planos de paz e não de mal, para dar-lhes futuro e esperança.
Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo," Awurade na ɔseɛ, "Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa.
Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.
Nʼani bɛgye wo ho
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, "Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ."
Atwerɛsɛm no ka sɛ,
"Deɛ onipa biara anhunu na wante da,
deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,
ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no."
nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.